We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Hebrifo 1

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ · akan

Hebrifo Hebrifo 2 →

1Mmere a atwa mu no, na Onyankopɔn nam akwan ahorow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo no.

2Mmom, mmere a edi akyiri no de,1.2 Mmere a bɔhyɛ a wodii ho dwuma wɔ Apam Dedaw mu no baa mu. ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de.

3Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn anuonyam hyerɛn no so haran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fii wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro.

4Ɛno nti ɔyɛɛ ɔkɛse sen abɔfo no, efisɛ din a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sen wɔn de no.

5Efisɛ Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfo no mu biara se,

6Bere a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se,

7Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne sɛ,

8Nea ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae se,

9Wodɔ trenee, na wukyi bɔne,

10Onyankopɔn san kae se,

11Ne nyinaa betwa mu; na wo de, wobɛtena hɔ daa;

12Wɔbɛbobɔw no sɛ ntama;

13Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfo no se,

14Sɛ saa a, na abɔfo no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no.

Hebrifo Hebrifo 2 →

Hebrifo 1 — akan:

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™