1Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
2“Sɛ mo saa nkurɔfo yi bu saa bɛ a ɛfa Israel asase yi ho a, na mopɛ sɛ mokyerɛ dɛn:
3“Nokware, sɛ mete ase yi, sɛɛ na Awurade se, moremmu saa bɛ yi bio wɔ Israel.
4Ɔkra teasefo biara yɛ me de, agya ne ɔba barima nyinaa, wɔn nyinaa yɛ me de. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔne ne nea obewu.
5“Sɛ ɛba sɛ onipa trenee bi wɔ hɔ a
6onnidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu
7Ɔnhyɛ obiara so,
8Ɔmmɔ bosea nnye nsiho
9Odi mʼahyɛde so
10“Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ ɔba barima a odi akakabensɛm na ohwie mogya gu anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi mu biara a
11(ɛwɔ mu, agya no nyɛɛ eyinom mu biara ɛ):
12Ɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so.
13Ɔbɔ bosea gye nsiho na ogye mfɛntom mmoroso.
14“Nanso sɛ ɛba sɛ saa ɔbabarima yi wɔ ɔbabarima a ohu bɔne a nʼagya yɛ no nyinaa nanso ɔnyɛ saa nneɛma no bi:
15“Onnidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu
16Ɔnhyɛ obiara so
17Ɔtwe ne ho fi bɔne ho,
18Nanso nʼagya no bewu wɔ ɔno ara bɔne nti, efisɛ osisii nnipa, bɔɔ ne yɔnko korɔn, na ɔyɛɛ bɔne wɔ ne nkurɔfo mu.
19“Nanso mubisa se, ‘Adɛn nti na ɔbabarima no nnya nʼagya afɔdi no bi ho asotwe?’ Esiane sɛ ɔbabarima no ayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ na wahwɛ yiye adi mʼahyɛde nyinaa so no nti, ampa ara obenya nkwa.
20Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne nea obewu. Ɔbabarima no rennya nʼagya afɔdi no ho asotwe bi, saa ara na agya no nso rennya ɔbabarima no afɔdi ho asotwe no bi. Wɔde ɔtreneeni adetreneeyɛ so aba bɛma no, na wobebu omumɔyɛfo amumɔyɛsɛm atia no.
21“Na sɛ omumɔyɛfo twe ne ho fi bɔne a wayɛ nyinaa ho, na odi mʼahyɛde so, na afei ɔyɛ nea ɛteɛ ne nea ɛyɛ papa a, ampa ara obenya nkwa na ɔrenwu.
22Wɔrennyina bɔne a wayɛ no mu biara so mmu no atɛn. Ne trenee nneyɛe nti obenya nkwa.
23Mʼani gye amumɔyɛfo wu ho ana? Otumfo Awurade bisa. Sɛ wɔtwe wɔn ho fi wɔn akwammɔne ho na wonya nkwa a, mʼani nnye ana?
24“Na sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee nneyɛe ho, kɔyɛ bɔne, na ɔyɛ akyiwade a amumɔyɛfo yɛ a, obenya nkwa ana? Wɔrenkae ne trenee nneyɛe no. Esiane sɛ odi nokwaredi ho fɔ na wayɛ bɔne nti, obewu.
25“Nanso moka se, ‘Awurade kwan nteɛ.’ Muntie! Mo, Israelfi. Me kwan nteɛ ana? Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛnteɛ?
26Sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee nneyɛe ho na ɔkɔyɛ bɔne a, ɛno nti obewu, bɔne a wayɛ nti obewu.
27Nanso sɛ omumɔyɛfo twe ne ho fi amumɔyɛsɛm a wadi ho, na ɔyɛ nea ɛteɛ ne nea ɛyɛ papa a, obegye ne kra nkwa.
28Esiane sɛ wahu ne mmarato na watwe ne ho afi ho no nti, obenya nkwa na ɔrenwu.
29Nanso Israelfi ka se, ‘Awurade kwan nteɛ.’ Mʼakwan nteɛ! Mo, Israelfi! Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛnteɛ ana?
30“Ɛno nti, mo Israelfo, mebu mo mu biara atɛn sɛnea nʼakwan te, Otumfo Awurade na ose. Monsakra mo adwene! Montwe mo ho mfi mo mmarato nyinaa ho; na afei bɔne remfa mo nkɔ asehwe mu bio.
31Montow mfomso a moayɛ nyinaa ngu na moanya koma foforo ne honhom foforo. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ muwu, Israelfifo?
32Mʼani nnye obiara wu ho, Otumfo Awurade na ose. ‘Monsakra mo adwene na moanya nkwa!’