We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Ɔsɛnkafo 6

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Ɔsɛnkafo 5 Ɔsɛnkafo Ɔsɛnkafo 7 →

1Mahu bɔne foforo bi wɔ owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yiye:

2Onyankopɔn ma onipa ahonyade, adenya ne anuonyam sɛnea biribiara a ne koma pɛ no ɛremmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔho mmom na ɔde gye nʼani. Eyi yɛ ahuhude, ɔhaw a ɛyɛ yaw.

3Onipa betumi anya mma ɔha na wanyin akyɛ; nanso ne mfe dodow yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba so wɔ mfaso sen no.

4Ne ba no yɛ ade hunu, sum mu na ɔkɔ, na sum akata ne din so.

5Ɛwɔ mu sɛ wanhu owia na onnim hwee de, nanso obenya ahomegye bebree sen nea saa ɔbarima no benya,

6mpo sɛ ɔtena ase mfe apem mmɔho na wamfa nʼahonyade annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako ana?

7Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia,

8Na dɛn na onyansafo wɔ de sen ɔkwasea?

9Nea aniwa hu no

10Nea ɛwɔ hɔ biara, wɔato din dedaw,

11Nsɛm dɔɔso a,

12Na hena na onim nea eye ma onipa wɔ ne nkwanna kakraa bi a ɛyɛ ahuhude na ɔfa mu kɔ sɛ sunsuma no mu? Hena na obetumi aka nea ebesi wɔ owia yi ase akyerɛ no bere a ɔkɔ no?

← Ɔsɛnkafo 5 Ɔsɛnkafo Ɔsɛnkafo 7 →

Ɔsɛnkafo 6 — akan:

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™