We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Ɔsɛnkafo 3

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Ɔsɛnkafo 2 Ɔsɛnkafo Ɔsɛnkafo 4 →

1Biribiara wɔ ne bere,

2Awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere,

3okum wɔ ne bere na ayaresa wɔ ne bere,

4agyaadwotwa wɔ ne bere, na ɔserew nso wɔ ne bere,

5abo hwete wɔ ne bere na abo anoboa wɔ ne bere,

6adehwehwɛ wɔ ne bere na adehwere wɔ ne bere,

7ade mu sunsuane wɔ ne bere na ne pempam wɔ ne bere,

8ɔdɔ wɔ ne bere na ɔtan wɔ ne bere,

9Mfaso bɛn na odwumayɛni nya fi nʼadwumaden mu?

10Mahu adesoa a Onyankopɔn de ato nnipa so.

11Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa koma mu, nanso wontumi nte nea Onyankopɔn ayɛ fi mfiase kosi awiei no ase.

12Minim sɛ biribiara nni hɔ a eye ma nnipa kyɛn sɛ wobegye wɔn ani na wɔayɛ nea eye bere a wɔte ase.

13Sɛ obiara bedidi na wanom na wanya anigye wɔ ne dwumadi nyinaa mu, eyi ne Onyankopɔn akyɛde.

14Minim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfi mu. Onyankopɔn yɛ eyi sɛnea nnipa de nidi bɛma no.

15Biribiara a ɛwɔ hɔ nnɛ no, aba pɛn,

16Na mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase sɛ:

17Medwenee wɔ me koma mu se,

18Afei medwenee se, “Nnipa de, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wohu sɛ wɔte sɛ mmoa.

19Onipa nkrabea te sɛ mmoa de na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛnea ɔbaako wu no, saa ara na ɔfoforo nso wu. Wɔn nyinaa wɔ ɔhome baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhude.

20Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa fi dɔte mu na wɔsan kɔ dɔte mu.

21Hena na onim sɛ onipa honhom foro soro na aboa de sian kɔ asase mu ana?”

22Enti mihuu sɛ biribiara nni hɔ a eye ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, efisɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hena na obetumi de no asan aba sɛ ɔmmɛhwɛ nea ebesi ne wu nʼakyi?

← Ɔsɛnkafo 2 Ɔsɛnkafo Ɔsɛnkafo 4 →

Ɔsɛnkafo 3 — akan:

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™