1Kae wo Bɔfo
2ansa na owia ne hann,
3Bere a ofi no awɛmfo ho popo,
4bere a wɔatoto abɔnten no apon mu
5bere a nnipa suro sorokɔ
6Kae no, ansa na dwetɛ hama no atew,
7na dɔte san kɔ asase a efi mu bae,
8“Ahuhude mu ahuhude” ɔsɛnkafo no na ose.
9Ɔsɛnkafo no yɛ onyansafo na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdwenee na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na obubuu mmɛ bebree.
10Ɔsɛnkafo no hwehwɛɛ sɛ obenya nsɛm a ɛfata, na nea ɔkyerɛw no yɛ pɛ na ɛyɛ nokware nso.
11Anyansafo nsɛm te sɛ nantwikafo mpeaw. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yiye. Saa nsɛm yi nyinaa fi Oguanhwɛfo baako nkyɛn.
12Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho fi biribiara a ɛka eyinom ho, me babarima.
13Afei ne nyinaa atɔ asom;
14Onyankopɔn bebu nneyɛe biara atɛn,