1Eyi akyi no, mihuu abɔfo baanan sɛ wogyinagyina asase ntwea anan no so a wɔretwe mframanan a ɛwɔ asase so no, sɛnea ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne po so ne baabiara.
2Na mihuu ɔbɔfo foforo a ofi apuei reba a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔwano. Ɔteɛɛ mu frɛɛ abɔfo baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne po no.
3Ɔbɔfo no kae se, “Monnsɛe asase ne po anaa nnua kosi sɛ yɛde nsɔwano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfo no agyirae.”
4Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔwano hyɛɛ wɔn agyirae wɔ wɔn moma so no dodow. Wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ɔha aduanan anan a, wɔn nyinaa fi Israel mmusuakuw no mu.
5Yuda abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
6Aser abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
7Simeon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
8Sebulon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
9Eyi akyi no, mihuu nnipakuw a obiara ntumi nkan wɔn dodow. Wofifi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu a wogyinagyina ahengua no ne Oguamma no anim a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa, kurakura berɛw.
10Wɔteɛɛ mu se,
11Na abɔfo no atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia. Afei wobutubutuw ahengua no anim, som Onyankopɔn
12kae se,
13Mpanyimfo no mu baako bisaa me se, “Ɛhefo na wɔhyehyɛ ntade fitafitaa yi, na wofi he?”
14Mibuae se, “Minnim, owura. Na wo na wunim.”
15Na ɛno nti na,
16Osukɔm renne wɔn bio;
17Efisɛ Oguamma no a ɔwɔ ahengua no mfimfini no