We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

2 Samuel 23

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← 2 Samuel 22 2 Samuel 2 Samuel 24 →

1Eyi ne Dawid nsɛm a etwaa to:

2“Awurade honhom kasa fa me mu;

3Israel Nyankopɔn kasae.

4ɔte sɛ anɔpa hann,

5“Ɛyɛ me fi na Onyankopɔn ayi.

6Na wɔn a wonnim Onyame no te sɛ nsɔe a wɔbɛtow agu,

7Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu;

8Din a edidi so yi yɛ Dawid dɔmmarima:

9Nea ɔto so abien wɔ baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahohi aseni. Bere bi Eleasar ne Dawid ka bɔɔ mu, tew gyinae, de tiaa Filistifo bere a Israel asraafo no nyinaa aguan no.

10Okunkum Filistifo no ara kosii sɛ afei, na ontumi mpagyaw ne peaw. Nanso Awurade maa no dii nkonim saa da no. Asraafo a wɔaka no ansan amma kosii bere a ɛsɛ sɛ wɔkɔtase wɔn asade no.

11Nea odi hɔ yɛ Sama a ɔyɛ Agee a ofi Harar babarima. Da koro bi, Filistifo no boaa wɔn ho ano wɔ Lehi, na wɔtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ aseduafuw bi mu. Israel asraafo no guanee,

12nanso Sama gyinaa ne nan so pintinn wɔ afuw no mfimfini, kaa Filistifo no gui. Enti Awurade ma odii nkonim.

13Twabere bi a na Dawid wɔ Adulam ɔbodan mu no, Filisti asraafo bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bon mu. Dawid akofo nimdefo aduasa no mu baasa sian kohyiaa no wɔ hɔ.

14Saa bere no na Dawid te nsraban mu hɔ a na Filistifo asraafo no fa bi nso akɔtena Betlehem.

15Dawid daa nʼakɔnnɔ adi se, “Ao, sɛ minya nsu pa a ɛwɔ Betlehem abura a ɛwɔ kurow no pon no ano hɔ no bi a, anka mɛnom.”

16Enti baasa no bu faa Filistifo no mu kɔsaw nsu no bi fii abura no mu, de brɛɛ Dawid. Nanso wannom. Mmom, ohwie guu Awurade anim.

17Ɔteɛɛ mu se, “Awurade ma ɛmpare me sɛ mɛnom eyi! Saa nsu yi som bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn nkwa too hɔ, kɔsaw nsu yi brɛɛ me yi mogya.” Enti Dawid annom. Mmarimasɛm a Baasa no dii no nhwɛso bi ni.

18Na Yoab nua Seruia babarima Abisai nso dii Aduasa no anim. Da bi, ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahaasa wɔ ɔsa baako pɛ mu. Saa akokodurusɛm yi nti ne din hyetaa sɛ Baasa no.

19Abisai na ogyee din pa ara wɔ Aduasa no mu. Ɛwɔ mu, wannye din sɛ Baasa no ho de, nanso na ɔno ne Aduasa no safohene.

20Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔkofo kokodurufo a ofi Kabseel. Odii mmarimasɛm bebree a bi ne sɛ, okum Moab akofo akɛse baanu. Bere bi nso, ɔtaa gyata, ma wɔkɔtɔɔ amoa mu. Na sukyerɛmma atɔ, ama fam ayɛ toro de, nanso ɔkyeree gyata no, kum no.

21Bere bi nso, ɔde abaaporiwa a na okura no kum Misraimni ɔkofo kɛse bi a na ɔno kura peaw. Benaia hwim peaw no fii Misraimni no nsam, na ɔde kum no.

22Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te sɛ Baasa no.

23Na ɔwɔ anuonyam sen wɔn a na wɔfra Aduasa no mu no biara, nanso na ɔnka Baasa no ho. Na Dawid yɛɛ no nʼawɛmfo no so sahene.

24Wɔn a aka a na wɔfra Aduasa no mu no ni:

25Sama a ofi Harod;

26Heles a ofi Palti;

27Abieser a ofi Anatot;

28Salmon a ofi Ahoa;

29Heleb, Baana a ofi Netofa babarima;

30Benaia a ofi Piraton;

31Arbatini Abi-Albon;

32Eliahba a ofi Saalbon;

33Yonatan, Sama a ofi Harar babarima;

34Elifelet, Ahasbai a ofi Maaka babarima;

35Hesro a ofi Karmel;

36Igal, Natan a ofi Soba babarima;

37Selek a ofi Amon;

38Ira a ofi Yitri;

39Hetini Uria.

← 2 Samuel 22 2 Samuel 2 Samuel 24 →

2 Samuel 23 — akan:

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™